{"eng": "Does a spring send out from the same opening fresh and bitter water?", "aka": "Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana?"} {"eng": "Can a fig tree, my brothers, yield olives, or a vine figs? Thus no spring yields both salt water and fresh water.", "aka": "Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa."} {"eng": "Let no man say when he is tempted, “I am tempted by God,” for God can’t be tempted by evil, and he himself tempts no one.", "aka": "Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ."} {"eng": "But each one is tempted when he is drawn away by his own lust and enticed.", "aka": "Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no."} {"eng": "Then the lust, when it has conceived, bears sin. The sin, when it is full grown, produces death.", "aka": "Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu."} {"eng": "For since death came by man, the resurrection of the dead also came by man.", "aka": "Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba."} {"eng": "For as in Adam all die, so also in Christ all will be made alive.", "aka": "Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa."} {"eng": "For we were saved in hope, but hope that is seen is not hope. For who hopes for that which he sees?", "aka": "Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so?"} {"eng": "But if we hope for that which we don’t see, we wait for it with patience.", "aka": "Na sɛ yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn."} {"eng": "Being therefore justified by faith, we have peace with God through our Lord Jesus Christ;", "aka": "Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe."} {"eng": "through whom we also have our access by faith into this grace in which we stand. We rejoice in hope of the glory of God.", "aka": "Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam."} {"eng": "Now when the apostles who were at Jerusalem heard that Samaria had received the word of God, they sent Peter and John to them,", "aka": "Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn."} {"eng": "who, when they had come down, prayed for them, that they might receive the Holy Spirit;", "aka": "Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so,"} {"eng": "for as yet he had fallen on none of them. They had only been baptized in the name of Christ Jesus.", "aka": "efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ."} {"eng": "Then they laid their hands on them, and they received the Holy Spirit.", "aka": "Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so."} {"eng": "For David says concerning him, ‘I saw the Lord always before my face, for he is on my right hand, that I should not be moved.", "aka": "Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da."} {"eng": "Therefore my heart was glad, and my tongue rejoiced. Moreover my flesh also will dwell in hope,", "aka": "Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi. Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu."} {"eng": "because you will not leave my soul in Hades, neither will you allow your Holy One to see decay.", "aka": "Efisɛ worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw."} {"eng": "You made known to me the ways of life. You will make me full of gladness with your presence.’", "aka": "Woakyerɛ me nkwagye kwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim."} {"eng": "He who is a hired hand, and not a shepherd, who doesn’t own the sheep, sees the wolf coming, leaves the sheep, and flees. The wolf snatches the sheep and scatters them.", "aka": "Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete."} {"eng": "The hired hand flees because he is a hired hand and doesn’t care for the sheep.", "aka": "Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho."} {"eng": "The scribes and the Pharisees brought a woman taken in adultery. Having set her in the middle,", "aka": "Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim."} {"eng": "they told him, “Teacher, we found this woman in adultery, in the very act.", "aka": "Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman,"} {"eng": "Now in our law, Moses commanded us to stone such women. What then do you say about her?”", "aka": "nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?”"} {"eng": "They said this testing him, that they might have something to accuse him of. But Jesus stooped down and wrote on the ground with his finger.", "aka": "Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam."} {"eng": "Therefore when the Lord knew that the Pharisees had heard that Jesus was making and baptizing more disciples than John", "aka": "Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,"} {"eng": "(although Jesus himself didn’t baptize, but his disciples),", "aka": "a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu."} {"eng": "he left Judea and departed into Galilee.", "aka": "Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea."} {"eng": "John answered them, “I baptize in water, but among you stands one whom you don’t know.", "aka": "Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no,"} {"eng": "He is the one who comes after me, who is preferred before me, whose sandal strap I’m not worthy to loosen.”", "aka": "a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”"} {"eng": "While they were there, the day had come for her to give birth.", "aka": "Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria,"} {"eng": "She gave birth to her firstborn son. She wrapped him in bands of cloth and laid him in a feeding trough, because there was no room for them in the inn.", "aka": "na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ."} {"eng": "Joseph also went up from Galilee, out of the city of Nazareth, into Judea, to David’s city, which is called Bethlehem, because he was of the house and family of David,", "aka": "Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea."} {"eng": "to enroll himself with Mary, who was pledged to be married to him as wife, being pregnant.", "aka": "Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe."} {"eng": "But it shall not be so among you, but whoever wants to become great among you shall be your servant.", "aka": "nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo."} {"eng": "Whoever of you wants to become first among you shall be bondservant of all.", "aka": "Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa."} {"eng": "He said to them, “Are you also without understanding? Don’t you perceive that whatever goes into the man from outside can’t defile him,", "aka": "Obisaa wɔn se, “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi ana?"} {"eng": "because it doesn’t go into his heart, but into his stomach, then into the latrine, making all foods clean?”", "aka": "Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”"} {"eng": "King Herod heard this, for his name had become known, and he said, “John the Baptizer has risen from the dead, and therefore these powers are at work in him.”", "aka": "Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.”"} {"eng": "But others said, “He is Elijah.” Others said, “He is a prophet, or like one of the prophets.”", "aka": "Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba. Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba."} {"eng": "But Herod, when he heard this, said, “This is John, whom I beheaded. He has risen from the dead.”", "aka": "Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.”"} {"eng": "For Herod himself had sent out and arrested John and bound him in prison for the sake of Herodias, his brother Philip’s wife, for he had married her.", "aka": "Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware."} {"eng": "For John had said to Herod, “It is not lawful for you to have your brother’s wife.”", "aka": "Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.”"} {"eng": "Herodias set herself against him and desired to kill him, but she couldn’t,", "aka": "Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi."} {"eng": "for Herod feared John, knowing that he was a righteous and holy man, and kept him safe. When he heard him, he did many things, and he heard him gladly.", "aka": "Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no."} {"eng": "Then a convenient day came when Herod on his birthday made a supper for his nobles, the high officers, and the chief men of Galilee.", "aka": "Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo."} {"eng": "She went out and said to her mother, “What shall I ask?” She said, “The head of John the Baptizer.”", "aka": "Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”"} {"eng": "She came in immediately with haste to the king and requested, “I want you to give me right now the head of John the Baptizer on a platter.”", "aka": "Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!”"} {"eng": "The king was exceedingly sorry, but for the sake of his oaths and of his dinner guests, he didn’t wish to refuse her.", "aka": "Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so."} {"eng": "Immediately the king sent out a soldier of his guard and commanded to bring John’s head; and he went and beheaded him in the prison,", "aka": "Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti,"} {"eng": "and brought his head on a platter, and gave it to the young lady; and the young lady gave it to her mother.", "aka": "na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na."} {"eng": "When his disciples heard this, they came and took up his corpse and laid it in a tomb.", "aka": "Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu."} {"eng": "Others fell on the rocky ground, where it had little soil, and immediately it sprang up, because it had no depth of soil.", "aka": "Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so."} {"eng": "When the sun had risen, it was scorched; and because it had no root, it withered away.", "aka": "Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee."} {"eng": "He strictly warned him and immediately sent him out,", "aka": "Yesu bɔɔ nʼano denneennen se,"} {"eng": "and said to him, “See that you say nothing to anybody, but go show yourself to the priest and offer for your cleansing the things which Moses commanded, for a testimony to them.”", "aka": "“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”"} {"eng": "I will instruct you and teach you in the way which you shall go. I will counsel you with my eye on you.", "aka": "Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so."} {"eng": "Don’t be like the horse, or like the mule, which have no understanding, who are controlled by bit and bridle, or else they will not come near to you.", "aka": "Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onni ntease nti wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn."} {"eng": "But he stands alone, and who can oppose him? What his soul desires, even that he does.", "aka": "“Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ."} {"eng": "For he performs that which is appointed for me. Many such things are with him.", "aka": "Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree."} {"eng": "The children of Benjamin also lived from Geba onward, at Michmash and Aija, and at Bethel and its towns,", "aka": "Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa."} {"eng": "at Anathoth, Nob, Ananiah,", "aka": "Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,"} {"eng": "Hazor, Ramah, Gittaim,", "aka": "Hasor, Rama, Gitaim,"} {"eng": "Hadid, Zeboim, Neballat,", "aka": "Hadid, Seboim, Nebalat,"} {"eng": "Lod, and Ono, the valley of craftsmen.", "aka": "Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso."} {"eng": "Moreover the gatekeepers, Akkub, Talmon, and their brothers, who kept watch at the gates, were one hundred seventy-two.", "aka": "Aponanohwɛfo no ni: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano."} {"eng": "The residue of Israel, of the priests, and the Levites were in all the cities of Judah, everyone in his inheritance.", "aka": "Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ."} {"eng": "But the temple servants lived in Ophel; and Ziha and Gishpa were over the temple servants.", "aka": "Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so."} {"eng": "Hezekiah sent to all Israel and Judah, and wrote letters also to Ephraim and Manasseh, that they should come to Yahweh’s house at Jerusalem, to keep the Passover to Yahweh, the God of Israel.", "aka": "Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no."} {"eng": "For the king had taken counsel with his princes and all the assembly in Jerusalem to keep the Passover in the second month.", "aka": "Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu."} {"eng": "For they could not keep it at that time, because the priests had not sanctified themselves in sufficient number, and the people had not gathered themselves together to Jerusalem.", "aka": "Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ."} {"eng": "The sons of Elpaal: Eber, Misham, and Shemed, who built Ono and Lod, with its towns;", "aka": "Elpaal mmabarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no,"} {"eng": "and Beriah and Shema, who were heads of fathers’ households of the inhabitants of Aijalon, who put to flight the inhabitants of Gath;", "aka": "Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a na wɔte Ayalon, na wɔpam ɔmanfo a wɔte Gat no."} {"eng": "Meshobab, Jamlech, Joshah the son of Amaziah,", "aka": "Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa,"} {"eng": "Joel, Jehu the son of Joshibiah, the son of Seraiah, the son of Asiel,", "aka": "Yoel, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,"} {"eng": "Elioenai, Jaakobah, Jeshohaiah, Asaiah, Adiel, Jesimiel, Benaiah,", "aka": "Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,"} {"eng": "and Ziza the son of Shiphi, the son of Allon, the son of Jedaiah, the son of Shimri, the son of Shemaiah—", "aka": "Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia."} {"eng": "these mentioned by name were princes in their families. Their fathers’ houses increased greatly.", "aka": "Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi."} {"eng": "Solomon did that which was evil in Yahweh’s sight, and didn’t go fully after Yahweh, as David his father did.", "aka": "Enti Salomo yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wanni Awurade akyi, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no."} {"eng": "Then Solomon built a high place for Chemosh the abomination of Moab, on the mountain that is before Jerusalem, and for Molech the abomination of the children of Ammon.", "aka": "Salomo sii abosonnan maa Moabfo nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwade, wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam, na osii bi nso maa Amonfo nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwade."} {"eng": "So he did for all his foreign wives, who burned incense and sacrificed to their gods.", "aka": "Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ."} {"eng": "At the end of forty years, Absalom said to the king, “Please let me go and pay my vow, which I have vowed to Yahweh, in Hebron.", "aka": "Mfirihyia anan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔre mma Awurade sɛnea mahyɛ no bɔ no."} {"eng": "For your servant vowed a vow while I stayed at Geshur in Syria, saying, ‘If Yahweh shall indeed bring me again to Jerusalem, then I will serve Yahweh.’”", "aka": "Bere a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no se, ‘Sɛ Awurade de me san ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔre ama no wɔ Hebron.’ ”"} {"eng": "David called one of the young men and said, “Go near, and cut him down!” He struck him so that he died.", "aka": "Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no."} {"eng": "David said to him, “Your blood be on your head, for your mouth has testified against you, saying, ‘I have slain Yahweh’s anointed.’”", "aka": "Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”"} {"eng": "Saul was thirty years old when he became king, and he reigned over Israel forty-two years.", "aka": "Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien."} {"eng": "Saul chose for himself three thousand men of Israel, of which two thousand were with Saul in Michmash and in the Mount of Bethel, and one thousand were with Jonathan in Gibeah of Benjamin. He sent the rest of the people to their own tents.", "aka": "Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so."} {"eng": "“Surely not one of these men of this evil generation shall see the good land which I swore to give to your fathers,", "aka": "“Saa awo ntoatoaso bɔne yi mu onipa baako koraa nni hɔ a obehu asase pa a, maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no,"} {"eng": "except Caleb the son of Jephunneh. He shall see it. I will give the land that he has trodden on to him and to his children, because he has wholly followed Yahweh.”", "aka": "gye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na obehu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefo, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade akyi.”"} {"eng": "Yet in this thing you didn’t believe Yahweh your God,", "aka": "Nanso eyi nyinaa akyi no, moannya Awurade, mo Nyankopɔn no, mu awerehyɛmu."} {"eng": "who went before you on the way, to seek out a place for you to pitch your tents in: in fire by night, to show you by what way you should go, and in the cloud by day.", "aka": "Ɔno na odii mo akwantu no anim, pɛɛ beae pa maa mo tenae, de ogya dum kyerɛɛ mo kwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo kwan awia."} {"eng": "The sons of Asher after their families: of Imnah, the family of the Imnites; of Ishvi, the family of the Ishvites; of Beriah, the family of the Berites.", "aka": "Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase: Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna; Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui; Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria."} {"eng": "Of the sons of Beriah: of Heber, the family of the Heberites; of Malchiel, the family of the Malchielites.", "aka": "Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase: Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber; Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel."} {"eng": "The name of the daughter of Asher was Serah.", "aka": "Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera."} {"eng": "These are the families of the sons of Asher according to those who were counted of them, fifty-three thousand four hundred.", "aka": "Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400)."} {"eng": "you shall take five shekels apiece for each one; according to the shekel of the sanctuary you shall take them (the shekel is twenty gerahs);", "aka": "momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson."} {"eng": "and you shall give the money, with which their remainder is redeemed, to Aaron and to his sons.”", "aka": "Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”"} {"eng": "“Those who encamp on the east side toward the sunrise shall be of the standard of the camp of Judah, according to their divisions. The prince of the children of Judah shall be Nahshon the son of Amminadab.", "aka": "Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson."} {"eng": "His division, and those who were counted of them, were seventy-four thousand six hundred.", "aka": "Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600)."} {"eng": "and out of the basket of unleavened bread that was before Yahweh, he took one unleavened cake, one cake of oiled bread, and one wafer, and placed them on the fat and on the right thigh.", "aka": "Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so."} {"eng": "He put all these in Aaron’s hands and in his sons’ hands, and waved them for a wave offering before Yahweh.", "aka": "Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ."} {"eng": "Moses, Aaron, and his sons washed their hands and their feet there.", "aka": "na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ."} {"eng": "When they went into the Tent of Meeting, and when they came near to the altar, they washed, as Yahweh commanded Moses.", "aka": "Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no."} {"eng": "He raised up the court around the tabernacle and the altar, and set up the screen of the gate of the court. So Moses finished the work.", "aka": "Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma."} {"eng": "Joseph saw his brothers, and he recognized them, but acted like a stranger to them, and spoke roughly with them. He said to them, “Where did you come from?” They said, “From the land of Canaan, to buy food.”", "aka": "Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?” Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”"} {"eng": "Joseph recognized his brothers, but they didn’t recognize him.", "aka": "Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ."} {"eng": "Let Pharaoh do this, and let him appoint overseers over the land, and take up the fifth part of the land of Egypt’s produce in the seven plenteous years.", "aka": "Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie."} {"eng": "Let them gather all the food of these good years that come, and store grain under the hand of Pharaoh for food in the cities, and let them keep it.", "aka": "Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu."} {"eng": "The food will be to supply the land against the seven years of famine, which will be in the land of Egypt; so that the land will not perish through the famine.”", "aka": "Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”"} {"eng": "We dreamed a dream in one night, he and I. Each man dreamed according to the interpretation of his dream.", "aka": "Yɛn baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro no ara a na ɛsono sɛnea yɛn mu biara dae no si te."} {"eng": "There was with us there a young man, a Hebrew, servant to the captain of the guard, and we told him, and he interpreted to us our dreams. He interpreted to each man according to his dream.", "aka": "Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ."} {"eng": "Jacob lifted up his eyes, and looked, and, behold, Esau was coming, and with him four hundred men. He divided the children between Leah, Rachel, and the two servants.", "aka": "Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no."} {"eng": "He put the servants and their children in front, Leah and her children after, and Rachel and Joseph at the rear.", "aka": "Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi."} {"eng": "Ephron answered Abraham, saying to him,", "aka": "Efron buaa Abraham se,"} {"eng": "“My lord, listen to me. What is a piece of land worth four hundred shekels of silver between me and you? Therefore bury your dead.”", "aka": "“Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”"} {"eng": "and said, “‘I have sworn by myself,’ says Yahweh, ‘because you have done this thing, and have not withheld your son, your only son,", "aka": "“Maka me ho ntam se, esiane sɛ woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti,"} {"eng": "that I will bless you greatly, and I will multiply your offspring greatly like the stars of the heavens, and like the sand which is on the seashore. Your offspring will possess the gate of his enemies.", "aka": "hyira na mehyira wo na mama wʼase adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea. Na wʼasefo begye wɔn atamfo nkuropɔn adi so."} {"eng": "All the nations of the earth will be blessed by your offspring, because you have obeyed my voice.’”", "aka": "Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”"} {"eng": "Abram was very rich in livestock, in silver, and in gold.", "aka": "Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii."} {"eng": "He went on his journeys from the South as far as Bethel, to the place where his tent had been at the beginning, between Bethel and Ai,", "aka": "Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no."} {"eng": "to the place of the altar, which he had made there at the first. There Abram called on Yahweh’s name.", "aka": "Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade."} {"eng": "Lot also, who went with Abram, had flocks, herds, and tents.", "aka": "Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree."} {"eng": "Clean animals, unclean animals, birds, and everything that creeps on the ground", "aka": "Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam,"} {"eng": "went by pairs to Noah into the ship, male and female, as God commanded Noah.", "aka": "abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no."}